Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 4:3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔsɔhwɛfoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɛ wone Nyankopɔn Ba no a, kasa na aboɔ yi nnane paanoo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔsɔhwɛfoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɛ wone Nyankopɔn Ba no a, kasa na aboɔ yi nnane paanoo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa aboɔ yi nnane aduane.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔsɔhwɛfo no baa ne nkyɛn besee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na abo yi nnan abodoo.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 4:3
34 Referencias Cruzadas  

“Sɛ yɛwɔ Misraim na anka Awurade rekunkum yɛn wɔ hɔ a, anka yɛpɛ. Na yenya nnuan bebree di wɔ hɔ. Nanso mode yɛn abegu sare so ha ama ɔkɔm rekum yɛn.”


Asuafo a wɔwɔ ɔkorow no mu no de ahodwiriw bɛkotow Yesu kae se, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!”


Simon Petro buaa no se, “Wone Kristo no, Onyankopɔn Teasefo no Ba no!”


Nanso Yesu ammua no. Ɔsɔfopanyin no ka kyerɛɛ no se, “Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!”


Ɛhɔ ara, nne bi fi ɔsoro kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani.”


Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no mfiase ni.


Bere biara a wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no bi behu no no, wotwa hwe fam, wosow biribiri, ka se, “Woyɛ Onyankopɔn Ba.”


Ɔteɛteɛɛ mu se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn no Ba, dɛn na wowɔ ne me yɛ? Onyankopɔn din mu, nyɛ me ayayade biara!”


Ɔbɔfo no buae se, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Nyankopɔn tumi abɛkata wo so, eyi nti abofra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.


Ɔkaa saa no wɔn nyinaa bisaa no bio se, “Ɛno de, na wone Onyankopɔn Ba no ana?” Obuaa wɔn se, “Nea moreka no yɛ nokware.”


Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”


Ahohommɔne fii nnipa no pii mu a na wɔreteɛteɛ mu se, “Wone Onyankopɔn Ba no.” Nanso Yesu kaa wɔn anim, hyɛɛ wɔn sɛ wommua wɔn ano, efisɛ na ahonhommɔne no nim sɛ ɔno ne Kristo no.


Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ, na ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, gyaa wo ho fi nea wugyina hɔ to fam!


Mahu eyinom nyinaa sɛ aba mu na midi ho adanse sɛ oyi ne Onyankopɔn Ba no.”


Natanael kae se, “Kyerɛkyerɛfo, wone Onyankopɔn Ba no, Israelhene no!”


Nanso biribiara a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no, wɔakyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ, Yesu ne Agyenkwa, ne Onyankopɔn Ba no; na sɛ mugye no di a, mubenya nkwa.


Yesu tee sɛ wɔasunsum aberante no afi asɔredan no mu hɔ no, ɔhwehwɛɛ no bisaa no se, “Wugye Onipa Ba no di ana?”


Ofii ase kaa asɛmpa no wɔ hyiadan mu se, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa.


Efisɛ Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nsesa. Ɔnka “Yiw” ne “Dabi” da. Bere biara odi nʼasɛm so.


enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu mprempren yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidi mu.


Eyi nti esiane sɛ na asɛm no hyɛ me so nti, mesomaa Timoteo se ɔmmɛhwɛ sɛnea mo gyidi te. Mewɔ anidaso sɛ ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ amma dwuma a yɛadi no nyinaa anyɛ ɔkwa.


Monhwɛ yiye na mo mu bi anyɛ oguamanfo ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn sɛ Esau a obuu nʼani guu nʼagyapade so tɔn nʼabakan a ɔyɛ de gyee aduan no.


Ɛno nti, momma yenso gyidi a yɛka ho asɛm no mu den. Efisɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanyin kɛse wɔ Onyankopɔn anim.


Obi nnim Melkisedek agya, ne na, ne ne mpanyimfo ho asɛm. Saa ara na obi nnim nʼawo ne ne wu nso ho asɛm. Ɔsɛ Onyankopɔn Ba, na ɔda so yɛ ɔsɔfo daadaa.


Nea ɔkɔ so yɛ bɔne no yɛ ɔbonsam de, efisɛ ɔbonsam fi mfiase pɛe, na ɔyɛɛ bɔne. Saa asɛm yi nti na Onyankopɔn Ba no bae. Ɔbaa sɛ ɔrebɛsɛe ɔbonsam nnwuma.


Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bedi nnafua du. Sɛ owu mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotiri.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios