Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 26:3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Saa bere no ara na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi ahyia mu wɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa fi,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ kɔhyiaa ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ kɔhyiaa ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Saa ɛberɛ no ara na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi ahyia mu wɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa efie,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo kohyiaa ɔsɔfo panyin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,

Ver Capítulo Copiar




Mateo 26:3
23 Referencias Cruzadas  

Wɔbɔ pɔw, wɔtetɛw, wɔhwɛ mʼanammɔntu, susuw sɛ wobekum me.


Meyɛɛ sɛ oguamma a odwo a wɔde no rekɔ akokum no; amma mʼadwene mu sɛ wɔabɔ wɔn tirim pɔw atia me sɛ, “Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no; momma yentwa no mfi ateasefo asase so, sɛnea wɔnnkae ne din bio.”


Nanso sɛ moanyɛ osetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apon mu Homeda a, ɛno de mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apon mu na abɛhyew nʼaban ahorow no.’ ”


Saa bere no na Petro te adiwo. Abaawa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mufi Galilea.”


Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔfrɛɛ asraafo dɔm baa hɔ.


Bere a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tew ne ho dii wɔn akyi, na owiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanyin no fi hɔ de ne ho kɔfraa asomfo bi a na wɔreto gya no mu.


Bere a na Petro te adiwo hɔ no, Ɔsɔfopanyin no mmaawa no mu baako baa hɔ;


Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔfrɛɛ asraafo no nyinaa baa hɔ.


Petro duu Ɔsɔfopanyin no fi hɔ no na asraafo no asɔ ogya wɔ adiwo hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi.


Saa bere no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinhene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansin so, na Lisania di Abilene mansinhene, na Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafo asɔfo mpanyin.


Saa bere yi na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim faako a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkyere no.


Afei, Anas ma wɔde Yesu a wɔakyekyere ne nsa no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa anim.


Wɔde Yesu fii Kaiafa fi de no kɔɔ Pilato ahemfi. Saa bere no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane sɛ na Yudafo no mpɛ sɛ fi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduan no bi nti, wɔankɔ hɔ bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios