Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 1:2 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Abraham ba ne Isak, Isak ba ne Yakob; Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Abraham woo Isak, na Isak woo Yakob, na Yakob woo Yuda ne ne nuanom.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Abraham woo Isak, na Isak woo Yakob, na Yakob woo Yuda ne ne nuanom.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Abraham ba ne Isak, Isak ba ne Yakob; Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Abraham woo Isak, Isak woo Yakob, Yakob woo Yuda ne ne nuanom.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 1:2
27 Referencias Cruzadas  

Abraham babarima Isak ne nʼasefo ho asɛm ni. Abraham woo Isak.


Eyi akyi no, ne nua no bae a na ne nsa kura Esau nantin; enti wɔtoo ne din Yakob. Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfe aduosia.


Abraham mmabarima yɛ Isak ne Ismael.


Abraham woo Isak. Isak mmabarima yɛ Esau ne Israel.


“Nanso wo, Israel, me somfo, Yakob, nea mayi no no, mo, mʼadamfo Abraham asefo.


Monhwɛ Abraham, mo agya, ne Sara a ɔwoo mo no. Bere a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofo, na mihyiraa no maa nʼase trɛwee.


Yuda asefo: Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.


Yesu Kristo a ofi Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanyimfo din na edidi so yi:


Yuda mma ne Peres ne Sera. Wɔn na ne Tamar. Peres ba ne Hesron na Hesron nso ba ne Ram.


Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na wɔde twetiatwa yɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnne. Eyi nti wɔwoo Isak nnaawɔtwe akyi na wotwaa no twetia; Isak nso twaa Yakob twetia, saa ara na Yakob twitwaa agyanom mpanyin dumien no nso twetia.


Gyidi nti na Sara nso de nyaa tumi nyinsɛnee, bere a na wanyin na ontumi nwo no. Ɔde ne ho too Onyankopɔn so se obedi ne bɔhyɛ so.


Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ wɔwoo no too Yuda abusua mu, na Mose kaa asɔfo ho asɛm no nso, wammɔ nʼabusua din da.


Yuda abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000). Ruben abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000). Gad abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios