Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 1:12 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔn a wofi Babilon nnommum mu bae no akyi awo ntoatoaso ni: Yekonia woo Sealtiel, Sealtiel woo Serubabel.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na wɔtwaa wɔn asu kɔtenaa Babel no akyiri no, Yekonia woo Sealtiel, na Sealtiel woo Serubabel,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔtwaa wɔn asu kɔtenaa Babel no akyiri no, Yekonia woo Sealtiel, na Sealtiel woo Serubabel,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔn a wɔfiri Babilon nnommum mu baeɛ no akyi awoɔ ntoatoasoɔ nie: Yekonia woo Sealtiel; Sealtiel woo Serubabel.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na wotwaa wɔn asu kɔtenaa Babel no akyi no, Yekonia woo Sealtiel, Sealtiel woo Serubabel,

Ver Capítulo Copiar




Mateo 1:12
20 Referencias Cruzadas  

Yehoiakyin a Babiloniafo kyeree no kɔtoo afiase no mmabarima ne Sealtiel,


Na Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfo asɔfo ne Sealtiel babarima Serubabel ne nʼabusuafo fii ase siesiee Israel Nyankopɔn afɔremuka no, sɛnea wobetumi abɔ ɔhyew afɔre wɔ so, sɛnea wɔahyɛ wɔ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no mmara mu no.


Yoda agya ne Yohanan; Yohanan agya ne Resa; Resa agya ne Serubabel; Serubabel agya ne Sealtiel; Sealtiel agya ne Neri;


Ɛno nti, Awurade kanyan Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no nyinaa. Wobefii wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo Awurade, wɔn Nyankopɔn, fi no ase,


“ ‘Da no’ Asafo Awurade na ɔka, ‘Mɛfa wo, Sealtiel babarima, me somfo Serubabel, mɛfa wo sɛ nsɔwano kaa, efisɛ mayi wo.’ Me Asafo Awurade, na makasa.”


“Ka eyi kyerɛ Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado ne Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae a wɔwɔ asase no so hɔ no. Bisa wɔn se,


Na Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no tiee asɛm a efi Awurade, wɔn Nyankopɔn, ne Odiyifo Hagai a Awurade, wɔn Nyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa Awurade.


Ɔsram a ɛto so asia no da a edi kan wɔ Ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien so no, Awurade nam Odiyifo Hagai so, de asɛm maa Sealtiel babarima ne Yuda amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua.


Saa ɔbarima Yehoiakin yi yɛ asɛnka a abɔ ade a obiara mpɛ ana? Adɛn nti na wɔbɛpam ɔne ne mma, akogu asase a wonnim so no so?


“Nokware, sɛ mete ase yi,” Awurade na ose, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛ me nsa nifa so nsɔwano kaa a, anka mɛworɔw wo.


Saa nnipa yi ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel babarima Serubabel ne ɔsɔfopanyin Yesua san wɔn akyi no: Seraia, Yeremia, Ɛsra,


Na Sealtiel babarima Serubabel ne Yosadak babarima Yesua tiei, fitii ase sii Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn adiyifo no ka wɔn ho a wɔboaa wɔn.


Ɔhene Yehoiakyin dii mfe aduasa ason wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bedii Babiloniahene. Ohuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti oyii no fii afiase saa afe no ara mu Adar ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so abien.


Ɔhene Nebukadnessar kyekyeree nneduafo mpem du fii Yerusalem a ahenemma nyinaa ne asraafo akofo, adwumfo ne atomfo a wodi mu ka ho. Ɛno nti, ahiafo nko ara na ogyaw wɔn wɔ asase no so.


Sɛɛ na Awurade se: “Monkyerɛw ɔbarima yi ho asɛm nto hɔ te sɛ obi a onni ba, ɔbarima a ɔrennya nkɔso ne nkwa nna nyinaa na nʼasefo mu biara rennya nkɔso, na wɔn mu biara rentena Dawid ahengua so na wɔrenni Yuda so hene bio.”


Nea Babiloniahene Nebukadnessar amfa ankɔ bere a ɔbɛfaa Yudahene Yehoiakim babarima Yehoiakyin ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma fii Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia no.


Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn bere a na Yudafo te nnommum mu wɔ Babilon no.


Serubabel woo Abihud, Abihud woo Eliakim, Eliakim nso woo Asor.


Awo ntoatoaso a efi Abraham so de besi Ɔhene Dawid so yɛ dunan. Efi Ɔhene Dawid so de besi bere a wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon no nso awo ntoatoaso yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na efi bere a wotu fii Babilon san baa wɔn man mu bio no de besi Kristo awo so nso yɛ awo ntoatoaso dunan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios