Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 1:1 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu Kristo a ofi Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanyimfo din na edidi so yi:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awoɔ ntoatoasoɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awoɔ ntoatoasoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu Kristo a ɔfiri Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanimfoɔ din na ɛdidi soɔ yi:

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awo ntoatoaso.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 1:1
39 Referencias Cruzadas  

Mehyira wɔn a wohyira wo, na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no. Ɛnam wo so na wobehyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”


Eyi ne ɔsoro ne asasebɔ ho asɛm. Bere a Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no.


Wɔnam wʼasefo so na wobehyira wiase amanaman nyinaa, efisɛ woadi mʼasɛm so.”


Sɛnea Adam asefo nnidiso te ni. Bere a Onyankopɔn nwen onipa no, ɔnwen no sɛ ɔno ara ne sɛso.


Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid, nokware ntam a ɔntwe nsan se, “Wʼasefo no mu baako na mede no bɛtena wʼahengua so.


Wokae se, “Mene onipa a mayi no no ayɛ apam; maka ntam akyerɛ me somfo Dawid.


meremma nʼase ntɔre da na nʼahengua nso betim wɔ mʼanim te sɛ owia;


Dua foforo bi befifi wɔ Yisai dunsin ho; efi ne ntin mu na Dubaa bi bɛsow aba.


Wɔnam nhyɛso ne atemmu so faa no kɔe. Na hena na obetumi aka nʼasefo ho asɛm? Efisɛ woyii no fii asase yi so; me nkurɔfo mmarato nti wɔtwee nʼaso.


“Nna bi reba,” Awurade na ose, “sɛ mɛma trenee dubaa bi so ama Dawid ɔhene bi a obedi ade nyansa mu na wayɛ nea ɛteɛ ne nea eye wɔ asase yi so.


ɛno de anka mɛpo Yakob ne mʼakoa Dawid asefo, na merenyi ne mmabarima mu baako sɛ onni Abraham, Isak ne Yakob asefo so. Na mede wɔn ahonyade bɛsan ama wɔn, na manya ayamhyehye ama wɔn.’ ”


“Saa da no, mɛsan aba abesi “Dawid fi a abubu no bio. Mesiesie ne mmeae a asɛesɛe no, na masi no sɛnea na ɛte no,


Saa da no, Awurade bɛbɔ wɔn a wɔte Yerusalem ho ban, nea ɔyɛ mmerɛw koraa wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ Dawid. Na Dawid asefo bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade Bɔfo a odi wɔn anim.


Sɛnea Yesu Kristo awo ho nsɛm te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ ɔnware no, nanso ansa na wobehyia mu sɛ awarefo no, ohuu sɛ wanyinsɛn; nea efi Honhom Kronkron.


Abraham ba ne Isak, Isak ba ne Yakob; Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom.


Kanaanni bea bi a ɔte ɔman no mu hɔ de osu baa Yesu nkyɛn bɛkae se, “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yeraw no.”


Wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii asu no mu, na hwɛ, ɔsoro buei. Ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian ba ne so sɛ aborɔnoma.


Yesu fi nea onyan ababaa no hɔ rekɔ no, anifuraefo baanu bi dii nʼakyi teɛteɛɛ mu se, “Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!”


Na obedi Yakob fi so hene daa; na nʼahenni to rentwa da.”


Kyerɛwsɛm no anka se saa Kristo no befi Dawid abusua mu na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kurow a Dawid tenaa mu no mu ana?”


Na ɔyɛ odiyifo a onim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ se ɔbɛyɛ Dawid asefo no mu baako ɔhene, sɛnea Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ.


Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akokoaa too Ɔhene Dawid abusua mu no ho.


Ɛnyɛ mmara no so na wɔnam hyɛɛ Abraham ne nʼasefo bɔ sɛ wɔbɛyɛ wiase adedifo, mmom ɛnam trenee a efi gyidi mu so.


Wɔyɛ tete agyanom asefo, na esiane sɛ Kristo baa onipasu mu nti ɔyɛ wɔn aseni. Ayeyi nka Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa so tumfo no daadaa. Amen.


Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne nʼaseni bɔ. Kyerɛwsɛm no nka se, “Wo ne wʼasefo” a ɛkyerɛ nnipa bebree. Ɛka se, “Wo ne wʼaseni” a ɛkyerɛ sɛ onipa baako a ɔno ne Kristo no.


Onyankopɔn baako ne ntamgyinafo baako a ɔka Onyankopɔn ne nnipa bɔ mu no, ɔno ne Kristo Yesu no.


Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wonyan no fi awufo mu sɛnea wɔkaa no wɔ Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no.


“Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ɔmmɛbɔ mo saa nhoma yi nyinaa ho amanneɛ wɔ asafo mu. Meyɛ Dawid busuani. Mene anɔpa nsoromma a ɛhyerɛn no.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios