Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 4:3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Muntie! Okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogu so regu aba no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Montie: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Montie: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Ɛda bi, ogufoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Muntie: Hwɛ, ogufo bi fii adi koguu aba.

Ver Capítulo Copiar




Marko 4:3
29 Referencias Cruzadas  

Mommra, me mma, monyɛ aso mma me; mɛkyerɛkyerɛ mo Awurade ho suro.


Ɔbabea tie, dwene ho, na yɛ osetie; ma wo werɛ mfi wo nkurɔfo ne wo papa fi.


Na afei, me mma, muntie me; monyɛ aso mma nea meka.


“Enti me mma, muntie me; nhyira ne wɔn a wɔnantew mʼakwan so.


Dua wʼaba anɔpa, na anwummere nso ma wo nsa nna ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, sɛ eyi anaa eyi, anaasɛ ebia abien no nyinaa bɛyɛ yie.


Muntie me, mo a moyɛ akokodurufo, mo a mo ne trenee ntam kwan ware;


“Muntie me, Yakobfifo, mo a moaka wɔ Israelfi nyinaa, mo a maso mo mu fi mo nyinsɛn mu, na maturu mo afi bere a wɔwoo mo.


Yesu de bɛ foforo kaa asɛm se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ okuafo bi a oduaa aburow wɔ nʼafum.


Aburow no renyin no, na nwura no nso renyin.


Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ mmebu mu se, “Da bi okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba.


Okuafo no asɛm no.


Na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔnam mmebu so kyerɛɛ wɔn nneɛma bebree se:


Nea ɔwɔ aso a obetie no, ma ontie!


Ogu so regu aba no, aba no bi guu kwankyɛn maa nnomaa bɛsosɔw ne nyinaa dii.


Na Yesu kae se, “Nea ɔwɔ aso no ntie!”


Petro ne asomafo dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa denneennen kyerɛɛ nnipa no se, “Me nuanom Yudafo ne mo a mote Yerusalem nyinaa, muntie asɛm a mereka yi.


Afei, Israel, muntie mmara ne nhyehyɛe a merebɛkyerɛkyerɛ mo yi. Munni so na moanya nkwa, na moatumi akɔ asase a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, de rema mo no so akɔtena hɔ.


Me nuanom adɔfo, muntie! Onyankopɔn yii wiase yi mu ahiafo sɛ wɔnyɛ adefo wɔ gyidi mu na wɔanya ahenni a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wodi nkonim no renwu owuprenu.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios