Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 3:2 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na saa da no yɛ Homeda enti na Yesu atamfo no retetɛw no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yare ana. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yare a wɔbɛkyere no!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 na wɔtɛɛ no sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 na wɔtɛɛ no sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na saa ɛda no yɛ Homeda enti na Yesu atamfoɔ no retetɛ no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yadeɛ anaa. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yadeɛ a, wɔbɛkyere no!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 na wɔtɛw no sɛ ɔbɛsa no yare homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano.

Ver Capítulo Copiar




Marko 3:2
12 Referencias Cruzadas  

Amumɔyɛfo tetɛw atreneefo hwehwɛ sɛ wobekum wɔn,


Homeda bi, Farisini panyin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidi no ase hɔ no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ nea Yesu bɛyɛ.


Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no hwɛɛ Yesu komm sɛ ɔbɛsa onipa yi yare Homeda yi nso ana. Nea na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ obebu mmara no so asa yare na wɔn nsa aka no akyere no.


Esiane sɛ ɔpɛ ara na na nnipa no pɛ sɛ wɔkyere Yesu nti, wɔtetɛw no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nʼanom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu.


Farisifo no mu bi kae se, “Onipa a ɔyɛɛ saa ade yi mfi Onyankopɔn hɔ, efisɛ onni homeda mmara no so.” Afoforo nso kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛni a ɔte sɛɛ yi betumi ayɛ saa anwonwadwuma yi?” Saa akyinnye yi maa mpaapaemu baa wɔn mu.


Ohuu ɔbarima bi wɔ ɔdan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifo no bisaa Yesu se, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yare Homeda ana?” Wobisaa eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan atoto nʼano na wɔakyere no!


Ɛyɛɛ saa maa mpanyimfo no ne ahenemma no hwehwɛɛ sɛ wobenya Daniel ho asɛm wɔ nʼamammui no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomso biara, efisɛ ɔyɛ ɔnokwafo.


Mete asomsɛm bebree sɛ, “Ehu wɔ baabiara! Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!” Me nnamfonom nyinaa retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka se, “Ebia wɔbɛdaadaa no; na yɛatumi no atɔ ne so were.”


Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no se ommegyina nnipa no anim.


Wobisaa no eyi de sum no afiri sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asɛm bi agyina so atoto nʼano. Nanso Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa kyerɛkyerɛw fam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios