Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 2:1 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Oduu hɔ no nnipa pii tee sɛ waba hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na nna bi akyiri no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ fie.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na nna bi akyiri no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ fie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Ɔduruu hɔ no nnipa pii tee sɛ waba hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na nna bi akyi no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ ofie.

Ver Capítulo Copiar




Marko 2:1
13 Referencias Cruzadas  

Oduu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom otwaa mu wɔ Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so.


Eyi akyi no, Yesu kɔtenaa ɔkorow bi mu kɔɔ Kapernaum, kurow a ɔte mu no mu.


Nanso ɔrekɔ no nyinaa, na ɔde nteɛteɛmu rebɔ nʼayaresa no ho dawuru. Esiane eyi nti sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm betwa ne ho hyia. Ɛno nti na baabiara a ɔbɛkɔ no onnyi ne ho adi. Enti ɔtenaa sare so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn.


Ankyɛ na nnipa bebree bɛhyɛɛ ofi a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.


Ɔsan baa ofi a ɔte mu no mu no, nnipakuw bi san baa ne so bio. Ankyɛ koraa na hɔ nyinaa yɛɛ ma a onnya kwan koraa nnidi.


Afei Yesu fii nnipakuw no mu kɔɔ fie no, nʼasuafo no bisaa no asɛm a ɔkae no ase.


Yesu fi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a obiara nte ne nka, nanso anyɛ ye. Da a oduu hɔ ara pɛ, na nkurɔfo tee ne nka sɛ waba hɔ.


Eyi akyi a Yesu ne nʼasuafo no nko ara wɔ fie no, wobisaa no se, “Adɛn nti na yɛn de yɛantumi antu saa honhommɔne no?”


Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Akyinnye biara nni ho sɛ mode bɛ yi bebu me sɛ, ‘Ɔyaresafo, sa wo ho yare. Nea yɛate afa wo ho sɛ woyɛɛ wɔ Kapernaum no, yɛ bi wɔ wo kurom ha.’


Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafo bi.


tee ne nka sɛ ofi Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kohuu Yesu, srɛɛ no se ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yare mma no.


Wɔtee nea ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi behyiae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw, efisɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios