Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 1:8 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.

Ver Capítulo Copiar




Marko 1:8
19 Referencias Cruzadas  

Sɛ mutiee mʼanimka a, anka mekaa me koma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo ma muhuu me nsusuwii.


kosi sɛ wobehwie honhom afi ɔsoro agu yɛn so, na nweatam bɛdan asasebere na asasebere ayɛ sɛ kwae.


Na mehwie nsu agu asase a awo no so, ne nsuten wɔ asase kesee so; mehwie me Honhom agu wo mma so, ne me nhyira agu wʼasefo so.


“Na akyiri no, mehwie me honhom agu nnipa nyinaa so, mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm, mo nkwakoraa bɛsoso adae, mo mmerante benya anisoadehu.


“Me de, mede nsu na ɛrebɔ wɔn a wɔasakra wɔn su no asu. Nanso nea odi mʼakyi reba no de, ɔso sen me a ne mpaboa mpo mensɛ sɛ mikura. Ɔno de, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.


Ɔrekyerɛkyerɛ no, ɔkae se, “Ɛrenkyɛ koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sen me, a ne mpaboa hama mpo, mensɛ sɛ mekotow na masan.


Saa bere no mu na Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu wɔ asubɔnten Yordan mu.


Eyi maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn se, “Me de, mede nsu na ɛrebɔ mo asu. Nanso obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sen me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno de, sɛ ɔba a ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.


Yohane nso buae se, “Me de, nsu na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfimfini ha a munnim no,


Na anka minnim no, nanso bere a Onyankopɔn somaa me se memfa nsu mmɔ asu no, ɔka kyerɛɛ me se, ‘Onipa a wubehu sɛ Honhom no besian aba ne so no, ɔno ne nea worehwɛ nʼanim no. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron bɛbɔ asu.’


Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛ, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu.”


Yudafo agyidifo a wɔne Petro fi Yopa bae no ho dwiriw wɔn sɛ Onyankopɔn ahwie nʼakyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no agu amanamanmufo no nso so.


“ ‘Onyankopɔn kae se, nna a edi akyiri no, mehwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so. Mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm, mo mmerante nso ahu anisoade. Na mo mpanyin nso asoso adae.


Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn ho kwan no.


Wɔnam saa ɔkwan koro no ara so abɔ yɛn Yudafo ne amanamanmufo ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron koro no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipa koro no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn nyinaa se yɛnnom.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios