Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 1:6 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na Yohane hyɛ atade a wɔde yoma nwi na apam a aboa nhoma abɔso nso bɔ mu. Na nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Yohane fira yoma nwi ntoma, ɛnna nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na ɔdi ntutummɛ ne wiram woɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Yohane fira yoma nwi ntoma, ɛnna nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na ɔdi ntutummɛ ne wiram woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na Yohane hyɛ atadeɛ a wɔde yoma nhoma na apam a aboa nhoma abɔsoɔ nso bɔ mu. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Yohane fura yoma nwi ntama, na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen, na odi mmoadabi ne wuram wo.

Ver Capítulo Copiar




Marko 1:6
6 Referencias Cruzadas  

Wobuae se, “Na ne ho wɔ nwi a ɔbɔ aboanwoma abɔso.” Ɔhene no teɛɛ mu se, “Ɛyɛ Tisbini Elia.”


Ebi ne mmoadabi ahorow nyinaa, nketekre, ne tɛwtɛw nyinaa mutumi we.


“Saa da no, odiyifo biara ani bewu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehu ho. Ɔrenhyɛ odiyifo atade a wɔde nwi ayɛ no mfa nnaadaa nnipa.


Saa bere no na Yohane fura yoma ho nwi ntama bɔ aboa nhoma abɔso. Na nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo.


Nnipa fifi Yerusalem ne Yudea nkurow nyinaa so kohuu Yohane tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.


Ɔrekyerɛkyerɛ no, ɔkae se, “Ɛrenkyɛ koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sen me, a ne mpaboa hama mpo, mensɛ sɛ mekotow na masan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios