Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 1:2 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔakyerɛw wɔ Odiyifo Yesaia nhoma no mu se, “Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan. Ɔno na obesiesie ɔkwan ama wo.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔatwerɛ wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ, “Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan. Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Sɛnea wɔakyerɛw wɔ odiyifo Yesaia nhoma no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfo madi w’anim, ɔno na obesiesie wo kwan.

Ver Capítulo Copiar




Marko 1:2
13 Referencias Cruzadas  

Na mekae se, “Mini, maba, sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ nhoma mmobɔwee no mu no.


Hwɛ! Mɛsoma me bɔfo a obesiesie kwan ama me. Afei mpofirim, Awurade a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho bɔfo a mopɛ no no bɛba, sɛnea Asafo Awurade se ni.


Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se, “ ‘Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan. Ɔno na obesiesie ɔkwan ama wo.’


Wobuaa no se, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na eyi ne nea odiyifo no kae:


Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho de, nanso onipa a obeyi no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye.”


Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Anadwo yi, mo nyinaa beguan agya me. Na wɔakyerɛw se, “ ‘wɔbɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguankuw no abɔ apete.’


sɛnea ɔnam nʼadiyifo akronkron so fii teteete hyɛɛ bɔ


“Na wo, akokoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifo efisɛ wo na wubesiesie ɔkwan ama Agyenkwa no,


Yesu frɛɛ asuafo dumien no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a adiyifo no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios