Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 1:1 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no mfiase ni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Yesu Kristo, [Nyankopɔn ba] asɛmpa no mfitiaseɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Yesu Kristo, [Nyankopɔn ba] asɛmpa no mfitiaseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no, ahyɛaseɛ nie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Yesu Kristo, [Onyankopɔn Ba] asɛmpa no mfiase.

Ver Capítulo Copiar




Marko 1:1
23 Referencias Cruzadas  

Mɛpae mu aka Awurade ahyɛde: Ɔka kyerɛɛ me se, “Woyɛ me Ba; nnɛ mayɛ wʼAgya.


Asuafo a wɔwɔ ɔkorow no mu no de ahodwiriw bɛkotow Yesu kae se, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!”


Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so na nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani. Muntie no!”


Ɛhɔ ara, nne bi fi ɔsoro kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani.”


Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”


Ɔbɔfo no buae se, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Nyankopɔn tumi abɛkata wo so, eyi nti abofra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.


Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtena ma yehuu nʼanuonyam sɛ ɔba koro a ofi Agya no nkyɛn a adom ne nokware ahyɛ no ma.


Mahu eyinom nyinaa sɛ aba mu na midi ho adanse sɛ oyi ne Onyankopɔn Ba no.”


Natanael kae se, “Kyerɛkyerɛfo, wone Onyankopɔn Ba no, Israelhene no!”


Nanso biribiara a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no, wɔakyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ, Yesu ne Agyenkwa, ne Onyankopɔn Ba no; na sɛ mugye no di a, mubenya nkwa.


“Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei.


Na yegye wo nsɛm no di na yenim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.”


fi Yohane asubɔ adwuma no so de kosi bere a wɔfaa Yesu fii yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, efisɛ ɛsɛ sɛ saa nnipa no mu baako bɛka yɛn ho ne yɛn di Yesu wusɔre no ho adanse.”


Ansa na Yesu rebefi nʼadwuma ase no, Yohane kaa adwensakra ho asɛm kyerɛɛ Israelfo se, wɔnsakra mfi wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu.


Esiane ɔhonam mmerɛwyɛ nti, Mose Mmara no antumi annye yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ nea Mmara no antumi anyɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no wɔ onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔre maa yɛn, na obebuu bɔne atɛn de pepaa yɛn bɔne.


Nea wankame nʼankasa ne Ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios