Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filemon 1:9 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 nanso me Paulo a meyɛ akwakoraa ne Kristo Yesu deduani fi ɔdɔ mu mprempren

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 nanso, ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seesei mesane meyɛ Kristo Yesu deduani nso:

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 nanso, ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seesei mesane meyɛ Kristo Yesu deduani nso:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 nanso ɔdɔ so, me Paulo a meyɛ akɔkoraa ɛne Kristo Yesu deduani seesei,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 nanso ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seisei meyɛ Kristo Yesu deduani nso.

Ver Capítulo Copiar




Filemon 1:9
17 Referencias Cruzadas  

Mpo sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen a, Onyankopɔn, nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma, ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.


Ntow me nkyene bere a mabɔ akwakoraa; mʼahoɔden sa wɔ me mu a, nnyaw me.


Dwen yɛ anuonyam abotiri; trenee mu asetena na ɛde ba.


Mpo kosi mo nkwakoraa bere ne bere a mubefuw dwen mu, Me ne no, Me ne nea obeso mo mu. Mabɔ mo na meturu mo; mɛwowaw mo na megye mo.


Ɛno nti, anuanom, esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti, mehyɛ mo sɛ momfa mo ho mmɔ afɔre a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Eyi ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ muso mu.


Enti yɛyɛ asomafo ma Kristo, na ɛte sɛnea Onyankopɔn nam yɛn so kasa kyerɛ mo. Yesi Kristo anan mu srɛ mo sɛ, momma wɔmfa mo mmata Onyankopɔn ho.


Anuanom a yɛne Onyankopɔn bɔ mu yɛ adwuma, yɛsrɛ mo sɛ Onyankopɔn adom a mo nsa aka no, munnnye no kwa.


Ɛnam gyidi so nti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abɔ mu no.


Me Paulo, mo amanamanmufo nti Kristo Yesu de me yɛɛ odeduani.


Me a meyɛ odeduani ma Awurade no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no.


Mprempren meyɛ ho nanmusini a meda mpokyerɛ mu. Ɛno nti, mommɔ mpae mma me na matumi de akokoduru apae mu aka no sɛnea ɛsɛ sɛ meka no.


Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma midi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no.


Ka kyerɛ nkwakoraa na wɔmma wɔn ani nna hɔ, wɔnyɛ anyansafo, na wɔnhyɛ wɔn ho so; wɔn gyidi mu nyɛ den, wonnya ɔdɔ na wontumi ntena ɔhaw mu.


Na mebɔ mpae kɔ so srɛ mo sɛ, mommɔ mpae na Onyankopɔn mfa me mmrɛ mo nnansa yi ara.


Mʼadɔfo, mekasa kyerɛ mo sɛ ahɔho ne amamfrafo a mowɔ wiase. Montwe mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a daa ɛne ɔkra no di asi no ho.


Na sɛ wɔn agyanom ne wɔn nuanom mmarima ba sɛ wɔmpene so a, yɛbɛka akyerɛ wɔn se, ‘Yɛsrɛ mo, monte ase. Momma wɔmfa mo mmabea no, efisɛ bere a yekunkum Yabes Gileadfo no, yɛannyaw mmea a ɛbɛso wɔn nyinaa so amma wɔn. Munnni ntam no ho fɔ, efisɛ ɛnyɛ mo na mode mo mmabea maa wɔn aware.’ ”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios