Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filemon 1:8 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu nti, metumi de akokoduru ahyɛ wo, ama woayɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoɔduro kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ adeɛ a ɛfata yi,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoɔduro kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ adeɛ a ɛfata yi,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu enti, mɛtumi de akokoɔduru ahyɛ wo, ama woayɛ deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoduru kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ ade a ɛfata yi,

Ver Capítulo Copiar




Filemon 1:8
7 Referencias Cruzadas  

Ɛnyɛ me aniwu sɛ aba sɛ mede tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhwɛ mo na munyin na memmfa nsɛe mo no bɛhoahoa me ho.


Mede fɛre gye eyi to mu sɛ yɛyɛ mmerɛw dodo wɔ eyi mu. Sɛ obi gye kyim de biribi hoahoa ne ho a, merekasa sɛ ɔkwasea, me nso megye kyim ahoahoa me ho wɔ dekode no ho bi.


Esiane sɛ yɛwɔ saa anidaso yi nti, yɛwɔ akokoduru.


Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa fi, ahuhusɛm anaa sɛ muyi aseresɛm, mmom monna ase.


Munim ayayade a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyaw a wɔyaw yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika no. Ɛwɔ mu sɛ na nnipa bi tia yɛn de, nanso yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn den ma yɛkaa Asɛmpa a efi ne mu no.


Sɛ moyɛ Kristo asomafo no nti, anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛpɛ anuonyam fi mo nkyɛn, nanso yemmisaa anuonyam mfii mo anaasɛ onipa foforo bi nkyɛn ɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios