Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filemon 1:16 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Mprempren ɔnyɛ ɔsomfo kɛkɛ efisɛ ɔkyɛn ɔsomfo. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfo ne onua wɔ Awurade mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom deɛ ɔsene akoa, sɛ onua dɔfo a ɔyɛ ma me titire, na kampɛsɛ wo, honam ne Awurade fam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom deɛ ɔsene akoa, sɛ onua dɔfo a ɔyɛ ma me titire, na kampɛsɛ wo, honam ne Awurade fam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Seesei ɔnyɛ ɔsomfoɔ kɛkɛ ɛfiri sɛ, ɔkyɛn ɔsomfoɔ. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfoɔ ne onua wɔ Awurade mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom nea ɔsen akoa, sɛ onua dɔfo a oye ma me titiriw, na menne sɛ wo, ɔhonam ne Awurade fam.

Ver Capítulo Copiar




Filemon 1:16
10 Referencias Cruzadas  

“Mommma obiara mmfrɛ mo sa. Efisɛ Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ Owura. Mo nyinaa moyɛ pɛ sɛ anuanom.


Afei Anania kɔɔ fie hɔ de ne nsa guu Saulo so kae se, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo wɔ ɔkwan so bere a woreba no asoma me se, mimmebue wʼani mma wunhu ade na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.”


Efisɛ akoa a Awurade afrɛ no no yɛ Awurade nipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no yɛ Kristo akoa.


Asomfo, muntie mo wuranom asɛm wɔ ade nyinaa mu. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani tua mo nti na ɛsɛ sɛ moyɛ na wɔpene mo, na mmom esiane sɛ mudi Awurade ni no nti, momfa koma pa nyɛ.


Ɛnsɛ sɛ asomfo bu wɔn wuranom a wɔyɛ agyidifo no abomfiaa sɛ wɔyɛ anuanom nti. Mmom ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn yiye, efisɛ wɔn som no so wɔ mfaso ma agyidifo ne adɔfo bebree.


Me nuanom akronkronfo a Onyankopɔn afrɛ mo, munnwen Yesu a yegye no to mu sɛ Ɔsomafo no ho.


Obiara a ogye di sɛ Yesu yɛ Agyenkwa no yɛ Onyankopɔn ba. Na obiara a ɔdɔ Agya no dɔ ne mma no nso.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios