Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filemon 1:10 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 resrɛ wo ama me ba Onesimo a ɔbɛyɛɛ me ba, bere a na meda afiase no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyehoma mu, Onesimo

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyehoma mu, Onesimo

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 meresrɛ wo ama me ba Onesimo a ɔbɛyɛɛ me ba ɛberɛ a na meda afiase no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyehama mu, Onesimo

Ver Capítulo Copiar




Filemon 1:10
14 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene no hyɛɛ Yoab, Abisai ne Itai se, “Me nti mo ne abofra Absalom nni no bɔkɔɔ.” Na asraafo no nyinaa tee saa ɔhyɛ a ɔhene hyɛɛ nʼasafohene no.


Nnipa no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, mede me ba aba ha sɛ sa no yare. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so nti, ontumi nkasa.


Ɛno nti, anuanom, esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti, mehyɛ mo sɛ momfa mo ho mmɔ afɔre a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Eyi ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ muso mu.


Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ migu mo anim ase nti na mekyerɛw saa nhoma yi brɛɛ mo. Na mmom mepɛ sɛ mekyerɛ mo ɔkwan sɛ me ara me mma a medɔ wɔn.


Na sɛ mowɔ ahwɛfo mpem du mpo wɔ mo asetena mu wɔ Kristo mu a, mowɔ Agya baako pɛ. Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no nti, menam asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya.


Me mma pa, mo a mo nti merehu awoyaw bio kosi sɛ Kristo bɛda ne ho adi wɔ mo mu no,


Onua Onesimo a ɔyɛ ɔdɔfo nokwafo na ɔsan fra mo kuw mu no ne no na ɛreba. Wɔbɛka biribiara a ɛrekɔ so wɔ ha akyerɛ mo.


De rekɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidi mu no nkyɛn: Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no dom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe nka mo.


Mekyerɛw me ba Tito wɔ gyidi baako a yɛn nyinaa kura mu no mu: Adom ne asomdwoe a efi Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo!


Bere bi a atwa mu no na ne so nni mfaso mma wo, nanso mprempren de, ne so wɔ mfaso ma me ne wo.


Esiane asɛmpa no nti, mepɛe sɛ ɔtena me nkyɛn bere a meda afiase yi, sɛnea ɛbɛyɛ a obesi wʼanan mu aboa me.


Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn sɛ mɛte sɛ me mma no te nokware mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios