Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 1:3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nʼahenni mfe abiɛsa so no, ɔtoo pon kɛse maa nʼahenemma ne ne mpanyimfo. Ɔtoo nsa frɛɛ asraafo mpanyimfo a wɔwɔ Media ne Persia nyinaa, ne atitiriw ne amantam mu mpanyimfo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo ne mmapɔmma nyinaa, ne ne nkoa pono a Persia ne Media dɔm so atumfoɔ ne mmakoma ne amantam no so asafohene no ka ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo ne mmapɔmma nyinaa, ne ne nkoa pono a Persia ne Media dɔm so atumfoɔ ne mmakoma ne amantam no so asafohene no ka ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nʼahennie mfeɛ mmiɛnsa so no, ɔtoo ɛpono kɛseɛ maa nʼahenemma ne ne mpanimfoɔ. Ɔtoo nsa frɛɛ asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔwɔ Media ne Persia nyinaa ne atitire ne amantam mu mpanimfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, ɔtow ne mmapɔmma nyinaa ne ne nkoa pon, a Persia ne Media dɔm so atumfo ne mmakoma ne amantam no so asafohene wɔ n’anim.

Ver Capítulo Copiar




Ester 1:3
16 Referencias Cruzadas  

Ne nnansa so no, na Farao redi nʼawoda. Enti ɔtoo pon kɛse bi maa ne mpanyimfo ne ne fifo nyinaa. Ɔsoma ma wokoyii ne brodotofo panyin ne ne nsahyɛfo panyin nneduafo no fii afiase hɔ baa nʼanim.


Na Salomo nyanee, na ohuu sɛ ɛyɛ dae. Ɔkɔɔ Yerusalem kogyinaa Awurade Apam Adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na ohyiaa ne mpanyimfo nyinaa, too wɔn pon.


Sɛnea Persiahene Kores ka ni: Awurade, ɔsoro Nyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me sɛ minsi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so.


na wɔbɛn ɔhene no sɛ Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, a wɔyɛ akunini baason a wofi Persia ne Media, na wɔyɛ ne nnamfo a wokura dibea akɛse wɔ ahemman no mu no kasae.


Afahyɛ no dii asram asia, na ɔdaa nʼaheman mu sika mpempem ne emu anuonyam adi.


Ahemmeasi no mu no, ɔtoo pon maa ne mmapɔmma ne asomfo nyinaa de hyɛɛ Ɛster anuonyam. Ɔmaa obiara akyɛde bebree, na ɔyɛɛ no afoofida wɔ amantam no nyinaa so.


Na ɔsram Abib (bɛyɛ Oforisuo) mu a ɛyɛ ɔhene Ahasweros adedi mfe dumien so no, wɔbɔɔ ntonto a wɔfrɛ no Pur de hwehwɛɛ da ne ɔsram a ɛfata sɛ wɔhyɛ fa no. Na da a woyii no yɛ Abib ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason a na ɛreyɛ akɔ ntontobɔ no akyi afe mu.


Wɔde adaeso a ɛyɛ nwonwa akyerɛ me: Ɔfatwafo di huammɔ, ɔfomfo fa asade. Elam tow hyɛ so! Media bɔ pampim! Mede apinisi a ɔde bae no nyinaa bɛba awiei.


“Monsew agyan no ano! Momfa nkatabo no! Awurade ahwanyan Mede ahemfo no, efisɛ ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe Babilonia. Awurade bɛtɔ were, ɔbɛtɔ were ama nʼasɔrefi no.


Mfe bebree akyi no, Ɔhene Belsasar too pon kɛse maa ne mpanyimfo apem, na ɔne wɔn nom nsa.


“ ‘Parsin’ nkyerɛase ne: wɔakyekyɛ mu. Wɔakyekyɛ wʼahenni mu ama Mediafo ne Persiafo.”


Ɛsɔɔ Ɔhene Dario ani sɛ ɔbɛpa ahenemma ɔha ne aduonu de wɔn atuatua amantam a ɛwɔ ahemman no mu no ano.


Odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo no.


Nea Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo pon wɔ nʼahemfi maa ne mpanyimfo, nʼasafohene ne Galilea mpanyimfo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios