Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 1:2 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Saa bere no na ɔte ahengua so wɔ Susa aban mu de di nʼahemman no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 ɛberɛ a na Ɔhene Akas-weros te n’ahennwa a ɛwɔ Susa abankɛseɛ mu no soɔ,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 ɛberɛ a na Ɔhene Akas-weros te n’ahennwa a ɛwɔ Susa abankɛseɛ mu no soɔ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Saa ɛberɛ no na ɔte ahennwa so wɔ Susa aban mu de di nʼahemman no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Saa bere no na, ɔhene Ahas-weros te n’ahengua a ɛwɔ Susan abankɛse no mu no so,

Ver Capítulo Copiar




Ester 1:2
10 Referencias Cruzadas  

Bere a wɔbɔɔ ɔhene no atenase wɔ nʼahemfi na Awurade ama asomdwoe aba asase no so no,


Afei, mprempren, Salomo te ahengua so sɛ ɔhene.


Hakalia babarima Nehemia nsɛm ni: Ɔsram Kislev (bɛyɛ Obubuo) mpaemu akyi wɔ Ɔhene Artasasta adedi afe a ɛto so aduonu so no, na mewɔ Susa aban mu.


Ɔhene nyi ananmusifo bi wɔ ɔmantam biara mu, na wɔmfa mmea ahoɔfɛfo yi mmra ɔhene yerenom atenae wɔ Susa. Hegai a ɔyɛ piamni no na ɔbɛhwɛ wɔn so, ama wɔn ahosiesie nnuru.


Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ofi Benyamin abusuakuw mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni.


Ɔhene no hyɛ ma wɔde mmara no somaa abɔfo a wɔn ho yɛ hare ma wɔbɔɔ no dawuru wɔ Susa aban no mu. Afei, ɔhene no ne Haman tenaa ase nom nsa; nanso Susa kuropɔn no mu yɛɛ basabasa.


“Kɔ na kɔboaboa Yudafo a wɔwɔ Susa no nyinaa ano ntɛm. Nnidi anaa nnom nnansa, anadwo anaa awia. Me ne me mmaawa nso bɛyɛ saa ara. Ɛwɔ mu sɛ, etia mmara de, nanso mɛkɔ akohu ɔhene no na sɛ, ɛsɛ sɛ mewu koraa a, mewu.”


Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfi, midi me ho so na me koma tɔ me yam.


Mʼanisoadehu mu no, mihuu sɛ na mewɔ Susa abanwa a ɛwɔ Elam mantam no mu; na mʼanisoadehu mu no, na mewɔ Asuka Ulai ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios