Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 1:3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, efisɛ ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a efi ɔsoro abrɛ yɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn soro hɔnom Kristo mu,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn soro hɔnom Kristo mu,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, ɛfiri sɛ, ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a ɛfiri ɔsoro abrɛ yɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn ɔsoro hɔnom Kristo mu,

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 1:3
39 Referencias Cruzadas  

Na nhyira nka Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde wʼatamfo ahyɛ wo nsam no.” Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kae no nyinaa mu biara nkyekyɛmu du mu baako.


Wɔnam wʼasefo so na wobehyira wiase amanaman nyinaa, efisɛ woadi mʼasɛm so.”


Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfo no nyinaa se, “Monkamfo Awurade, mo Nyankopɔn!” Na ɔmanfo no nyinaa kamfoo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔkotow buu nkotodwe wɔ Awurade ne ɔhene no anim.


Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpae kyerɛɛ Israel Nyankopɔn se, “Ao, hyira me na trɛw mʼahye mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ nea mɛyɛ biara mu, na yi me fi ɔhaw ne ɔyaw nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisade no maa no.


Bere a Hesekia ne ne mpanyimfo behuu nneɛma no dodow no, wɔdaa Awurade ne ne nkurɔfo Israel ase.


Afei, Lewifo ntuanofo a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teɛɛ mu frɛɛ ɔmanfo no se, “Monsɔre nkamfo Awurade, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔte hɔ afebɔɔ!” Wɔtoaa so se, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sen sɛnea yebetumi adwene anaa yɛbɛka.


Awurade a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no, mfi Sion nhyira mo.


Ne din bɛtena hɔ daa; ɛntena hɔ nkyɛ sɛ owia. Wɔbɛfa no so ahyira amanaman no, na wɔbɛfrɛ no nhyira.


Nhyira nka ne din a anuonyam ahyɛ no ma no daa daa. Ma nʼanuonyam nhyɛ wiase nyinaa ma. Amen! Amen!


Wɔn asefo begye din wɔ amanaman no mu ne wɔn mma wɔ nkurɔfo no mu. Wɔn a wohu wɔn nyinaa begye ato mu sɛ wɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.”


Saa bere yi twaa mu no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metrontrom nea ɔte ase daa no yii no ayɛ se: Ne tumi yɛ daa tumi, Na nʼahenni teɛ kɔ awo ntoatoaso nyinaa so.


wɔkɔtoo Simeon nso wɔ hɔ, na Simeon gyee abofra no, hyɛɛ Awurade anuonyam se,


Na da a mɛsɔre afi awufo mu no du a, mubehu sɛ mewɔ mʼAgya no mu na mo nso mowɔ me mu, sɛnea me nso mewɔ mo mu no.


Mebɔ mpae sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ baako. Agya, sɛnea wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, saa ara na ma wɔn nso ntena yɛn mu. Ma wɔn nyinaa nyɛ baako sɛnea ɛbɛyɛ a, wiase begye adi sɛ wo na wosomaa me.


Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nso me mu, efisɛ minnya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn ɛ; kɔka kyerɛ mʼasuafo no se, meresan akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Nyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Nyankopɔn no nkyɛn.”


saa ara na Kristo mu no yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua baako, na akwaa biara yɛ akwaa no nyinaa dea.


sɛnea ɛbɛyɛ a mo nyinaa de koma koro ne ano koro bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no.


Nanso Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn nam Kristo so ama yɛn nyansa; ɛnam ne so ma yɛateɛ wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefo a wama yɛade yɛn ho.


Kristo te sɛ onipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree; ɛwɔ mu sɛ ɛwɔ akwaa bebree de, nanso ɛyɛ nipadua koro no ara.


Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekye nyinaa fi no no ase.


Awurade Yesu no, Onyankopɔn ne Agya no a ɛsɛ sɛ yɛkamfo no no nim sɛ merentwa nkontompo.


Sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo, na nneɛma dedaw nyinaa atwam ama nneɛma foforo aba.


Na Kristo nni bɔne, nanso yɛn nti Onyankopɔn ma ɔfaa yɛn bɔne, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam ɔno Kristo so bɛyɛ atreneefo wɔ Onyankopɔn anim.


Abraham gye dii ma wohyiraa no, na wɔn a wogye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛnea wohyiraa no no.


bere a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔde nyinaa ano, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase.


na mibisa yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, anuonyam Agya no se ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu no.


bere a onyan Kristo fii awufo mu na ɔde no tenaa ne nifa so wɔ ɔsoro ahemman no mu no.


Onyankopɔn nyan yɛn ne Kristo, na ɔde yɛn ne Kristo atena ɔsoro ahemman mu


Nʼatirimpɔw ne sɛ afei ɔnam asɔre no so bɛda ne nyansa a emu dɔ no adi akyerɛ wim mpanyinni ne atumfo,


Efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya.


Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se, Yesu Kristo ne Awurade, de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.


Nanso dwuma a wodi sɛ asɔfo no yɛ ɔsoro nsusuwso bi kwa. Eyi nti na wɔbɔɔ Mose kɔkɔ bere a ɔpɛɛ sɛ osi ntamadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Si no sɛnea merekyerɛ wo wɔ bepɔw no so pɛpɛɛpɛ.”


Saa ɔkwan yi ara so na wɔnam ma biribiara a ɛyɛ ɔsoro nhwɛsode no ho tew. Nanso, ɔsoro nneɛma no ankasa de, afɔre a eye kyɛn eyinom na wɔde tew ho.


Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔbɔ dodow nti, ɔnam nyan a onyan Yesu Kristo fii owu mu no so maa yɛn nkwa foforo. Eyi ma yenya anidaso a ase atim,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios