Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 1:1 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa krataa yi fi me Paulo a Onyankopɔn fi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafo no nkyɛn, Merekyerɛw akɔma ahotefo a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu agyidifo:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so bɛyɛɛ Kristo Yesu somafoɔ, de kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifoɔ:

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so bɛyɛɛ Kristo Yesu somafoɔ, de kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifoɔ:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Krataa yi firi me Paulo a Onyankopɔn firi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafoɔ no nkyɛn, Meretwerɛ akɔma ahotefoɔ a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu nokwafoɔ no:

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛɛ Kristo Yesu somafo de kɔma ahotefo a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifo:

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 1:1
27 Referencias Cruzadas  

Nanso ɛnte saa wɔ me somfo Mose ho. Me fi nyinaa mu no, ɔyɛ ɔnokwafo.


“Nanso nea odi nokware wɔ kakraa bi ho no bedi nokware wɔ pii ho; na nea onni nokware wɔ kakraa bi ho no rentumi nni nokware wɔ pii ho.


Wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu wiee no, ɔka kyerɛɛ yɛn se, “Sɛ mugye to mu sɛ meyɛ Awurade mu gyidini ampa ara a, ɛno de mommɛtena me fi.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kosii sɛ yɛpenee.


Woduu Efeso no, Paulo gyaw Priskila ne Akwila hɔ kɔɔ hyiadan mu ne Yudafo no kɔkasae.


Mmom, ɔrebefi hɔ no ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ Onyankopɔn pɛ a mɛsan aba bio.” Na ofii hɔ kɔɔ Efeso.


Anania buae se, “Awurade, mate saa ɔbarima yi ho nsɛm bebree, ne haw a ɔhaw wʼakyidifo wɔ Yerusalem no.


Saa nhoma yi fi me, Paulo, Yesu Kristo somfo a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafo a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn.


Ɛno nti, merekyerɛw mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifo no: Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.


Enti afɔbu nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu,


yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yehyira; wɔhwe yɛn a yegyina ano.


Ɛnam eyi so nti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔba a odi me nokware wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforo a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ wɔ asafo biara a mekɔ mu no mu.


Saa krataa yi fi Paulo a Onyankopɔn ayi no sɛ Kristo Yesu somafo no ne Timoteo a ɔyɛ yɛn nuanom no mu baako nkyɛn, Wɔde saa krataa yi rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefo a wɔwɔ Akaiaman mu no nyinaa:


Paulo, ɔsomafo a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔpaw me sɛ ɔsomafo, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a onyan no fii awufo mu no,


Ɛnam gyidi so nti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abɔ mu no.


Yenni Yudani anaa Helani, yenni akoa anaa ɔdehye, yenni ɔbarima anaa ɔbea, na mo nyinaa yɛ nnipa koro wɔ Kristo Yesu mu.


Abraham gye dii ma wohyiraa no, na wɔn a wogye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛnea wohyiraa no no.


Esiane eyi nti, efi bere a metee gyidi a mowɔ wɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfo no,


Onyankopɔn na wayɛ yɛn sɛnea yɛte yi. Ɔnam Kristo so bɔɔ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ nnwuma pa a wasiesie ato hɔ no.


Nanso afei mo a na anka mowɔ akyirikyiri no, wɔnam Kristo mogya no so atwe mo abɛn Onyankopɔn.


Onyankopɔn nyan yɛn ne Kristo, na ɔde yɛn ne Kristo atena ɔsoro ahemman mu


Yɛn nua dɔfo Tihiko a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu somfo nokwafo no bɛka biribiara akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛnea me ho te ne dwuma a meredi.


De rekɔma ahotefo a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.


Wɔbɛko atia Oguamma no, na ɔno ne nʼakyidifo, agyidifo ne nokwafo a wɔafrɛ wɔn no bedi wɔn so, efisɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene.”


Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bedi nnafua du. Sɛ owu mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotiri.


Minim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahengua si. Wudi me nokware; na bere a wokum Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios