Aanlyn Bybel

- Advertensies -

2 Petro 1 - Apam Foforɔ


Nkyea

1 Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.

2 Adom ne asomdwie nnɔɔso mma ho, Nyankopɔn ne yɛ Awurade Yesu ho nimdeɛ mu.


Kristoni frɛ ne ne yie he

3 Na Nyankopɔn nam ne tumi so akyɛ yɛ nnoɔma a ɔfa nkwa ne nyamesom-pa ho nyinaa, nea ɔnam ɔno ankasa ne ho nimdeɛ so afrɛ yɛ aba ɔnoaa n’animuonyam ne ne mmaninyɛ mu.

4 Yeinom so ne ɔnam ama ne bɔhyɛ akɛseɛakɛseɛ a ɔsombo he aba mu ama yɛ, na honam yeinom so adwane akɔnnɔ mu porɔeɛ a ɔya wiase; na hoanya Nyankopɔn su he bi.

5 Ne saa nti, hommɔ mmɔdene mfa nneyɔeɛ a ho te nka ho gyidie ho; na homfa nimdeɛ nka nneyɔeɛ pa ho;

6 na homfa ahohyɛsoɔ nka nimdeɛ ho; na homfa boasetɔ nka ahohyɛsoɔ ho; na homfa nyamesom pa nka boasetɔ ho;

7 na homfa nuadɔ nka nyamesom pa ho; na homfa dɔ mapa nka nuadɔ ho.

8 Na sɛ yeinom ya ho mu na ɔdɔɔso a, ɔmmma honyɛ mmerɛ anaa nnipa a bɛnso aba yɛ Awurade Yesu Kristo fam.

9 Na deɛ onni yeinom he, ɔte sɛ nifirani a ontumi nhu adeɛ a ne werɛ afiri sɛ bɛahohoro ne bɔne dadaa he.

10 Nti me nuanom, homfa mmɔdemmɔ nsi frɛ a bɛafrɛ ho ne yi a bɛayi ho he pi; na sɛ hoyɔ saa a, honnsonti da.

11 Sɛ hofa saa kwane yi so a, hobenya akwannya kɛseɛ paa a hode bɛkɔ yɛ Awurade ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo ahennie a otim hɔ daa he mu.

12 Ne saa nti, daa mekaekae ho saa asɛm yi a honim na atim nɔkorɛ a hoagye adi he mu he.

13 Nso megye di sɛ, ohia sɛ mmerɛ tentene a mete ase yi, mebɔ ho nkaeɛ kanyane ho saa asɛm yi ho.

14 Menim sɛ ɔnnkyɛre biaa na matoa nananom nseɛdo sɛnea yɛ Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me he.

15 Nso mɛbɔ mmɔdene na me wuo akyi he, hoatumi akae yeinom da biaa.


Kristo animuonyam hyerɛn ho adansedie

16 Ɔnyɛ anansesɛm a bɛanwene ne yɛto kyerɛɛ ho berɛ a yɛkaa yɛ Awurade Yesu Kristo tumi ne ne ba he ho asɛm kyerɛɛ ho he, na mmom yɛde yɛ ani kann huiɛ n’animuonyam, na ɔno ho ne yedii adanseɛ kyerɛɛ ho.

17 Na berɛ a onyaa anidie ne animuonyam firi Agya Nyankopɔn hɔ na nne bi firi animuonyam kɛseɛ mu kaa sɛ, “Yei ne me dɔ Ba a ɔsɔ m’ani he,”

18 yɛ ankasa yɛtee nne he sɛ ofiri soro ɔɔba berɛ a na yɛne no ya bepɔ kronkron he so he.

19 Yei ahyɛ adiyifoɔ ne nkɔmhyɛsɛm he mu dene ama yɛ. Ɔsɛ sɛ hotie no yie, efiri sɛ, ɔte sɛ kanea a ɔhyerɛn sum mu kosi sɛ adeɛ bɛkye ama anɔpa nsoromma ahyerɛn ho akoma mu.

20 Na deɛ odi kane koraa he, honhu sɛ adiyisɛm biaa nni hɔ a nipa dasani betumi de ɔnoaa n’adwene akyerɛ aseɛ,

21 efiri sɛ adiyisɛm biaa nni hɔ a ofiri nipa nyansa mu ne baeɛ, na mmom Honhom Kronkron he ne nam nnipa he so kaa asɛm a ofiri Nyankopɔn nkyɛne.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Volg ons:



Advertensies